Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 5

Bobe Turo Ho Dwom

1 Mɛto dwom ama me dɔfo

dwom a ɛfa ne bobeturo ho:

Na me dɔfo bobe turo bi

asasebere bi a ɛda bepɔw ani.

2 Ofuntum asase no, yiyii mu abo,

na oduaa bobe a ɛyɛ papa so.

Osii ɔwɛn aban mfimfini

na otuu nsakyiamoa nso.

Afei ɔhwɛɛ anim obetwa bobe aba pa,

nanso ɛsow aba bɔne.

3 "Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,

mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.

4 Dɛn bio na anka ɛsɛ meyɛ ma me bobeturo

boro nea mayɛ yi so?

Bere a merehwɛ anim minya bobe a eye no

adɛn nti na ɛsow aba bɔne?

5 Afei mɛka

nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo:

Meyi ho ban no afi ,

na wɔbɛsɛe no;

mebubu ho ɔfasu,

na wobetiatia so.

6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan

a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,

ohwirem ne nsɔe benyin so.

Mɛhyɛ omununkum

na wantɔ osu angu so."

7 Asafo Awurade bobeturo no

Israelfi,

na Yuda mmarima turo a nʼani gye ho.

Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu;

ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.

Nnome Ne Atemmu

8 Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho

na mugyigye mfuw bobɔ so

kosi asase no bɛsa

na ɛka mo nko ara asase no so.

9 Asafo Awurade apae mu aka ama mate:

"Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan,

na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.

10 Bobeturo kɛse pa ara no

nsa kakraa bi na ebefi mu.

Aba lita aduonu baako a wodua no

wobenya so lita aduonu abien ."

11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema

kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan

wɔn a wosii anadwo

kosi nsa bɛbow wɔn.

12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔn aponto ase,

akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa,

nanso wotwiri nea Awurade ayɛ,

na wommu ne nsa ano adwuma.

13 Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu,

efisɛ wonni ntease;

ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriw

na osukɔm betware wɔn mu bebree.

14 Enti Owu bae nʼabogye mu

na obue nʼanom bayaa;

na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔ

wɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no.

15 Enti wɔbɛbrɛ onipa ase

na wama adesamma abotow.

Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

16 nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so,

na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi Ɔkronkronni.

17 Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea;

nguantenmma bedidi asikafo amamfo so.

18 Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,

na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.

19 Munnue, mo a moka se, "Onyankopɔn nyɛ ntɛm,

ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm

sɛnea yebehu.

Ma ɛmmɛn,

Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra,

sɛnea yebehu."

20 Munnue, mo a mofrɛ bɔne papa

na papa nso bɔne,

mo a mode sum si hann anan mu

na hann si sum anan mu,

mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛ

ne dɛɛdɛ se nweenwen.

21 Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani so

ne anitewfo mo ankasa ani so.

22 Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi nsanom mu

ne ahoɔdenfo nsa afrafra mu.

23 Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi

na mubu nea odi bem no .

24 Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee

na sare a awo yera ogyaframa mu no,

saa ara na mo ntin bɛporɔw,

na mo nhwiren nso atu akɔ mfutuma;

efisɛ moapo Asafo Awurade mmara

na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.

25 Enti Awurade abufuw aba ne nkurɔfo so,

wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.

Mmepɔw no wosow,

na afunu ayɛ mmɔnten so nwura.

Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ,

na ne nsa da so soro.

26 Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman,

ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.

Wɔn na wɔreba no,

afrɛ so ne ntɛm so!

27 Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw,

obiara ntɔ nko na ɔnna;

abɔso biara mu nnwow asen mu

na mpaboa hama biara nso rentew.

28 Wɔn agyan ano nnam,

na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;

wɔn apɔnkɔ tɔte te ɔtwɛrebo,

wɔn nteaseɛnam nkyimii te mfɛtɛ.

29 Wɔn mmobɔmu te gyata de,

na wɔbobɔ mu gyatamma;

wɔbobɔ mu kyere wɔn hanam

na wɔde no a ogyefo biara nni .

30 Da no wɔbɛbobɔ mu agu no so

sɛnea po woro so no.

Na obi hwɛ asase no a,

obehu sum kabii ne ahohiahia;

omununkum bɛma hann aduru sum.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também