Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 16

1 Momfa nguantenmma sonkahiri

nkɔma asase no sodifo,

efi Sela fa nweatam no so,

kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so.

2 Te nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw mu

na wotu nenam wim no

saa na Moabfo mmea te

Arnon asutwabea.

3 Moab ka se, "Munsi mo adwene pi,

monna mo gyinaesi adi.

Monyɛ mo sunsuma anadwo,

awia ketee.

Momfa aguanfo no nhintaw

munnyi atubrafo no mma.

4 Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena;

monyɛ wɔn bammɔ ɔsɛefo no ho."

Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie

na adesɛe to betwa;

opoobɔfo no bɛyera asase no so.

5 Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi;

ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so,

obi a ofi Dawid fi,

nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee

na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.

6 Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ,

nʼani a atra ne ntɔn mmoroso,

nʼahomaso ne nʼasoɔden

nanso hwee nni nʼahomaso no mu.

7 Enti Moabfo twa adwo,

wɔbɔ mu su ma Moab.

Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw,

ma Kir Hereset bobe aba ɔfam.

8 Hesbon mfuw no hyew,

Sibma bobe mfuw nso saa ara.

Aman sodifo no atiatia bobe papa no so,

nea kan na wɔde Yaser

na ɛtrɛtrɛw nweatam so no.

Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.

9 Enti misu sɛnea Yaser su,

de ma Sibma bobe mfuw.

Hesbon ne Eleale,

mede misu fɔw mo!

Mo aduaba a abere ho ahurusi

ne otwabere de no aka.

10 Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu;

obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu bobeturo mu;

obiara nkyi nsa nsakyiamoa so,

efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei.

11 Misi apini me koma mu Moab ho

te sankuten so kwadwom;

na me yam hyehye me ma Kir Hereset.

12 Moab ne sorɔnsorɔmmea a

ɔhaw ne ho kwa;

ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a,

ɛrenkosi hwee.

13 Eyi ne asɛm a Awurade aka dedaw afa Moab ho. 14 Nanso mprempren Awurade ka se, "Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também