Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 47

Babilonia Asehwe

1 "Sian , tena mfutuma mu,

Ɔbabea Babilonia;

tena fam na mfa ahengua,

Babiloniafo hemmea kuropɔn.

Wɔremfrɛ wo bio se,

nsiforo anaa nea ne ho na.

2 Fa awiyammo na yam esiam;

yi wo nkataanim no.

Ma wʼatade so soro, na wo nan ho ngu ,

na fa nsuwansuwa no mu.

3 Wʼadagyaw bɛda adi

na wʼanimguase so renkata.

Mɛtɔ were;

meremfa obiara ho nkyɛ no."

4 Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din,

ɔno ne Israel Kronkronni.

5 "Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu,

Babiloniafo hemmea kurow;

wɔremfrɛ wo bio se

ahenni ahorow so hemmea.

6 Me bo fuw me nkurɔfo,

na miguu mʼagyapade ho fi;

mede wɔn hyɛɛ wo nsa,

na woanhu wɔn mmɔbɔ.

Nkwakoraa koraa mpo,

wosoaa wɔn konnua duruduru.

7 Wokae se, Mɛkɔ so daa,

ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.

Nanso woannwen saa nneɛma yi ho

na woansusuw nea ebetumi asi ho.

8 "Afei tie, wo oguamanfo,

woredwudwo wo ho wo bammɔ mu

na woka kyerɛ wo ho se,

me ne no, na obiara nni me.

Merenyɛ okunafo da

na merenni awommawu.

9 Saa nneɛma abien yi bɛto wo

prɛko , da koro :

awommawu ne kunayɛ.

Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,

wʼabayisɛm bebrebe yi

ne ntafowayi a mu den nyinaa akyi.

10 Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ so

na waka se, Obiara nhu me.

Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan

bere a woka kyerɛ wo ho se,

Me ne no, obiara nni ka me ho.

11 Amanehunu bɛto wo,

na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi .

Ɔhaw bi bɛba wo so

a worentumi mfa mpata nyi mfi ;

atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo

bɛba wo so mpofirim.

12 "so wo ntafowayi

ne wʼabayisɛm bebrebe

a wode adi dwuma fi wo mmofraase no.

Ebia wubedi nkonim,

ebia wode ehu bɛba.

13 Woabrɛ afotufo bebrebe a woanya no mu!

Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim,

wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no,

ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu.

14 Nokwarem, wɔte gyentia;

ogya bɛhyew wɔn.

Na wontumi nnye wɔn ankasa ho

mfi ogyaframa anoden no ho.

Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew;

ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.

15 Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no,

eyinom na wo ne wɔn abrɛ

na wo ne wɔn anantew fi mmofraase.

Wɔn mu biara so ne mfomso;

ɔbaako mpo nni a obetumi agye wo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também