Publicidade

Isaías 58

Nokware Mmuadadi

1 "Monteɛ mu dennen, monnnyae.

Momma mo nne so sɛ torobɛnto.

Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔn

na monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no.

2 Da biara da wɔhwehwɛ me;

ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan,

te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛ

na wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde.

Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛ

na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.

3 Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuada

na woanhu yi?

Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase,

na woanhwɛ yi?’

"Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ

na musisi mo adwumayɛfo nyinaa.

4 Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi,

ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.

Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi

na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro.

5 Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana?

Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana?

Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfea

na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana?

Eyi na mofrɛ no mmuadadi,

da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?

6 "Saa mmuadadi yi na mepɛ:

sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn

na moasan konnua ahama,

sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so

na moabubu konnua biara.

7 So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan

na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena;

na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama

na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?

8 Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye,

na mo ayaresa aba ntɛm so;

afei mo trenee bedi mo anim,

na Awurade anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.

9 Afei mobɛfrɛ, na Awurade begye mo so;

mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini.

"Sɛ muyi nhyɛso konnua,

nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ,

10 na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn

na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a,

ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu,

na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.

11 Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara;

ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so

na ɔbɛhyɛ mo nipadua den.

Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye,

sɛ asuwa a mu nsu nyow da.

12 Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no,

na wɔato fapem a akyɛ no;

wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no,

Nea Ogye Atenae Si Hɔ.

13 "Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homeda

na moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no,

sɛ mofrɛ Homeda no anigye da

na mudi Awurade da kronkron no ni

na moamfa mo ara mo akwan so

na moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a,

14 ɛno de mubenya anigye wɔ Awurade mu

na mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea so

na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so."

Awurade na waka.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-