Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 39

Asomafo A Wofi Babilonia

1 Saa bere no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛde kɔmaa Hesekia, efisɛ na wate wayare ama ne ho atɔ no. 2 Hesekia gyee asomafo no fɛw so, na afei ɔde nea ɔwɔ ne adekoradan mu kyerɛɛ wɔn; dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam, ngohuam, nʼakode akorae ne biribiara a ɛka nʼademude ho. Biribiara nni nʼahemfi ne nʼahenni mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3 Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, "Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?"

Hesekia buae se, "Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn."

4 Odiyifo no bisae se, "Dɛn na wohuu wʼahemfi ?"

Hesekia buae se, "Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn."

5 Afei Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, "Tie asɛm a efi Asafo Awurade nkyɛn: 6 Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se. 7 Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom Babiloniahene ahemfi."

8 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, "Saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi asɛm papa." Nanso na ɔhene no redwene , ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também