Publicidade

Isaías 2

Awurade Bepɔw No

1 Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.

2 Nna a edi akyi no mu no,

Awurade asɔredan bepɔw no betim

sɛ mmepɔw no nyinaa ti;

ebegye din aboro nkoko nyinaa so

na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

3 Aman bebree bɛba abɛka se,

"Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so,

nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.

Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan

sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so."

Mmara no befi Sion aba,

na Awurade asɛm afi Yerusalem.

4 Obebu amanaman ntam atɛn

na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm.

Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw

na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw.

Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa,

na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

5 Mommra. Yakob fifo,

momma yɛnnantew Awurade hann mu.

Awurade Da No

6 Awurade, woagyaw wo nkurɔfo,

Yakob fifo.

Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma;

wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo

na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.

7 Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔn ademude dɔɔso bebree.

Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;

na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.

8 Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,

nea wɔn nsateaa ayɛ.

9 Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase

na wama adesamma abotow,

mfa wɔn ho nkyɛ wɔn.

10 Kɔhyɛn abotan no mu,

fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu

ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!

11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.

12 Asafo Awurade ahyɛ da bi

ama ahomasofo nyinaa

ne nea ɛma ne ho so nyinaa

(wɔbɛbrɛ wɔn ase),

13 Lebanon sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn,

ne Basan odum nnua no,

14 mmepɔw atenten nyinaa

ne nkoko a ɛwowaree nyinaa,

15 ne abantenten a ɛkorɔn

ne ɔfasu biara a ɛyɛ den,

16 aguadi hyɛn biara

ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara.

17 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,

18 na ahoni no bɛyera korakora.

19 Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu

ne ntokuru a ɛdeda asase mu

esiane Awurade ho hu

ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti,

bere a ɔbɛsɔre awosow asase.

20 Saa da no, nnipa bɛtow

wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni

a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no

agu ama akisi ne mpan.

21 Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu

ne abotan mpaapae mu

esiane Awurade ho hu

ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti,

bere a ɔbɛsɔre awosow asase.

22 Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa,

a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so.

Wɔyɛ dɛn koraa?

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_06-50-08-