Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 34

Atemmu A Etia Amanaman No

1 Muntwiw mmɛn, mo amanaman, na muntie;

monyɛ aso, mo ɔmanfo!

Momma asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ntie,

wiase ne nea efi mu ba nyinaa!

2 Awurade bo afuw amanaman nyinaa;

nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa.

Ɔbɛsɛe wɔn pasaa,

ɔbɛma wɔakunkum wɔn.

3 Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu,

wɔn afunu no beyi hua;

wɔn mogya afɔw mmepɔw no.

4 Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera

na wɔbɛbobɔw ɔsoro te nhoma mmobɔwee;

ɔsoro atumfo bɛhwe ase

sɛnea nhaban tew fi bobe so,

sɛnea mman a awo pan fi borɔdɔma dua ho.

5 Mʼafoa anom nea ɛmee no no ɔsoro;

hwɛ, ɛresian de atemmu aba Edom so,

wɔn a masɛe wɔn koraa no.

6 Mogya aguare Awurade afoa ho,

wɔde srade asra ho,

nguantenmma ne mmirekyi mogya,

adwennini asaabo mu srade.

Awurade afɔre bi Bosra

ne okum kɛse Edom.

7 Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ,

anantwinini nketewa ne akɛse.

Mogya afɔw wɔn asase no,

na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee.

8 Na Awurade aweretɔ da

ananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion.

9 Edom nsuwansuwa bɛdan agodibea,

ne dɔte bɛdan sufre a ɛdɛw

nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛw!

10 Ɛrennum awia anaa anadwo;

ne wusiw befi a ɛto rentwa da.

Ɛbɛda mpan fi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso;

obiara remfa ho bio koraa.

11 Nweatam so patu ne ɔbonsamnoma

begye afa;

patu ne kwaakwaadabi bɛtena .

Onyankopɔn bɛtwe Edom so

basabasayɛ susuhama

ne amamfoyɛ kirebennyɛ susudua.

12 Nʼatitiriw rennya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahenni,

nʼahenemma mmarima nyinaa betu ayera.

13 Nsɔe begye nʼabankɛse afa,

nsansono ne nsɔe befuw nʼabankɛse .

bɛyɛ adompo atu,

ne mpatu tenabea.

14 Nweatam so mmoa ne mpataku behyia adi afra,

mmirekyi anuɔdenfo besu akyerɛ wɔn ho wɔn ho;

na anadwommoa bɛdeda

na wɔde ayɛ wɔn homebea.

15 Ɛhɔ na patu bɛyɛ ne berebuw, na watow ne nkesua.

Obesow ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so;

ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano,

obiara ne nea ɔka ne ho.

16 Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan:

Eyinom mu biara renyera,

obiara benya nea ɔka ne ho.

Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi,

na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.

17 Ɔde wɔn kyɛfa ma wɔn;

ɔde ne nsa susudua kyekyɛ.

Wɔbɛfa no wɔn de afebɔɔ

na wofi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso atena .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também