Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 19

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho:

Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum mu

na ɔreba Misraim.

Misraim ahoni ho popo nʼanim,

na Misraimfo koma botow wɔn mu.

2 "Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako,

onua bɛko atia onua,

ɔyɔnko atia ɔyɔnko,

kuropɔn atia kuropɔn,

ahenni atia ahenni.

3 Misraimfo no rennya abodwo,

na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa.

Wɔbɛkɔ abisa ahoni, ne awufo ahonhom,

samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn.

4 Mede Misraim bɛhyɛ

owura tirimuɔdenfo tumi ase,

na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,"

sɛnea Asafo Awurade se ni.

5 Nsubɔnten mu nsu bɛyow,

na konkɔn bɛwo ayɛ wosee.

6 Nsuka beyi hua;

na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na ayow.

Demmire ne sare bekisakisa,

7 Nil nsunoa nnua nso,

nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no.

Nil nsunoa so mfuw nyinaa

bɛwo wosee na awu koraa.

8 Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo,

wɔn a wɔto darewa Nil mu nyinaa;

wɔn a wogu asau nsu no so

bedi awerɛhow.

9 Wɔn a wɔde asaawa adwuma aba mu bebu,

wɔn a wɔnwen nwera no anidaso bɛsa.

10 Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ

na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow.

11 Soan adwumayɛfo nka hwee nkwaseafo;

Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne.

Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se,

"Meyɛ anyansafo no mu baako,

tete ahemfo no kyidifo?"

12 Wʼanyansafo no he afei?

Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhu

nea Asafo Awurade

ahyehyɛ atia Misraim.

13 Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo,

wɔadaadaa Memfis19.13 Na Memfis yɛ Misraim kuropɔn. akwankyerɛfo

ne nnipa no ntuano

ama Misraim afom kwan.

14 Awurade ahwie

anisobiri honhom agu wɔn mu;

wɔma Misraim ntintan biribiara a ɔyɛ mu,

te nea ɔsabowfo ntintan ne fe ho no.

15 Biribiara nni a Misraim betumi ayɛ,

eti anaa ɛto, abɛ anaa demmire.

16 Saa da no, Misraimfo bɛyɛ mmea, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn nti.

18 Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn.

19 Saa da no, wobesi afɔremuka Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaedum ne hye so nso ama Awurade. 20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo Awurade Misraim asase so. wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn. 21 Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade , na wɔadi so. 22 Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ Awurade nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare.

23 Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom. 24 Saa da no Israel bɛto Misraim ne Asiria so abiɛsa, a ayɛ nhyira asase so. 25 Na Asafo Awurade behyira wɔn, aka se, "Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também