Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 48

Israel Ɔsoɔdenfo

1 "Muntie eyi, Yakobfifo

mo a wɔde Israel din frɛ mo,

na moyɛ Yuda asefo,

mo a mobɔ Awurade din ka ntam,

na mofrɛ Israel Nyankopɔn,

nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu,

2 mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mma

na mode mo ho to Israel Nyankopɔn so,

Asafo Awurade ne ne din.

3 Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada,

mebɔɔ nkae, na medaa no adi;

afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.

4 Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa

mo kɔn ho ntin dade

na mo moma kɔbere mfrafrae.

5 Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada

ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae

sɛnea morentumi nka se,

Mʼahoni na wɔyɛe:

me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.

6 Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa.

Morennye wɔn nto mu ana?

"Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo,

ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho.

7 Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe;

ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee.

Enti morentumi nka se,

Yiw na minim dedaw!

8 Wontee, na wontee ase;

efi tete nyinaa wʼaso asiw.

Na minim woyɛ ɔfatwafo;

wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu.

9 Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so;

mʼayeyi nti miyi fi wo so,

sɛnea merensɛe wo koraa.

10 Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho;

mmom, masɔ wo ahwɛ amanehunu fononoo mu.

11 Me nti, me nti, na meyɛ eyi.

Adɛn nti na ɛsɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din?

Memma obi nnye mʼanuonyam.

Israel Ahofadi

12 "Tie me, Yakob,

Israel a mafrɛ no;

Me ne no;

Me ne odikanfo ne okyikafo.

13 Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem,

na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu;

mefrɛ wɔn a,

wɔn nyinaa mu sɔre.

14 "Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie:

ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw?

Awurade boafo a wapaw no

bɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu;

ne basa betia Babiloniafo.

15 Me, me na makasa.

Yiw, mafrɛ no.

Mede no bɛba,

na obewie nʼadwuma nkonimdi so.

16 "Montwiw mmɛn me na muntie eyi:

"Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa kokoa mu;

bere biara a ebesi no, na mewɔ ."

Na afei Asafo Awurade

de ne Honhom asoma me.

17 Sɛɛ na Awurade se,

mo gyefo, Israel Kronkronni no:

"Mene Awurade mo Nyankopɔn,

nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo,

na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ mofa so.

18 mudii mʼahyɛde so a,

anka mo asomdwoe ayɛ asubɔnten,

na mo trenee ayɛ po asorɔkye.

19 Anka mo asefo ayɛ nwea,

na mo mma ayɛ ne mmosea a wontumi nkan;

wɔn din rempepa da

wɔrensɛe mfi mʼanim."

20 Mumfi Babilonia,

munguan mfi Babiloniafo nkyɛn!

Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkae

na mompae mu nka eyi.

Momfa nkɔ nsase ano;

monka se, "Awurade abegye ne somfo Yakob."

21 Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, nweatam ahorow so no,

ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn;

ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu.

22 "Asomdwoe nni mma amumɔyɛfo." Sɛɛ na Awurade se.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também