Publicidade

Isaías 12

Ayeyi Nnwom

1 Saa da no, wobɛka se:

"Mɛkamfo wo, Awurade!

Ɛwɔ mu wo bo fuw me de,

nanso afei wʼabufuw ano adwo.

Na woakyekye me werɛ.

2 Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;

mede me ho bɛto no so, na merensuro.

Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;

na wabɛyɛ me nkwagye."

3 Wode anigye bɛsaw nsu

afi nkwagye mmura mu.

4 Saa da no wobɛka se,

"Da Awurade ase, bɔ ne din

ma amanaman nhu nea wayɛ,

na pae mu ka se wɔama ne din so.

5 To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree.

Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.

6 Momma mo nne so nto dwom anigye so

mo a mowɔ Sion,

efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-22_10-02-25-