Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 14

1 Awurade behu Yakob mmɔbɔ;

ɔbɛsan afa Israel

na ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔn ankasa asase so.

Ananafo bɛba abɛka wɔn ho

na wɔne Yakobfi aka abɔ mu.

2 Amanaman bɛfa wɔn

de wɔn aba wɔn ankasa atenae.

Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn de

nkoa ne mfenaa Awurade asase so.

Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommum

na wobedi wɔn sohwɛfo so.

3 Na da a Awurade bɛma mo ɔhome afi amanehunu, ahoyeraw ne nkoasom dennen mu no, 4 mubedi Babiloniahene ho fɛw se:

hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie!

ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa!

5 Awurade abubu otirimɔdenfo no abaa mu,

sodifo ahempema no,

6 nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔn

toatoaa so hwehwee fam,

na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mu

de brɛɛ amanaman no ase no.

7 Nsase no nyinaa rehome asomdwoe mu;

na wɔto dwom.

8 Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sida

nya ho anigye na wɔka se,

"Afei a wɔabrɛ wo ase yi,

duatwafo biara remmetwa yɛn."

9 Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne ho

abehyia wo kwan;

ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhom

wɔmmɛma wo akwaaba,

wɔn a na wɔyɛ akannifo wiase

ɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so,

wɔn a na wɔyɛ ahemfo amanaman so.

10 Wɔn nyinaa begye so,

wɔbɛka akyerɛ wo se,

"Wo nso woayɛ mmerɛw yɛn;

woayɛ yɛn ara."

11 Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu,

ne huuyɛ a efi wo asanku no;

wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wo

na asunson akata wo so.

12 Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam,

anɔpa nsoromma, adekyee babarima!

Wɔato wo abɛhwe asase so,

wo a na kan no wobrɛ amanaman ase!

13 Wokaa no wo koma mu se,

"Mɛforo akɔ ɔsoro;

mɛma mʼahengua so

asi Onyankopɔn nsoromma atifi;

mɛtena ase adi hene ahyiae bepɔw so,

nea ɛkorɔn pa ara bepɔw kronkron no so.

14 Mɛforo atra omununkum atifi;

mɛyɛ me ho Ɔsorosoroni no."

15 Nanso wɔde wo abɛto ɔda mu,

amoa donkudonku ase tɔnn.

16 Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw,

wodwen nea ato wo no ho bisa se,

"Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asase

na ɔmaa ahenni ho popoe,

17 ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam,

nea ɔdan ne nkuropɔn butuwii

na wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?"

18 Amanaman ahemfo no nyinaa wɔadeda wɔn

obiara ne da mu.

19 Nanso wɔapam wo afi wo da mu

te dubaa a wɔapo;

wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so,

wɔn a wɔtɔɔ afoa ano,

wɔn a wosian abo amoa mu,

te funu a wɔatiatia so,

20 Wɔrensie wo nka wɔn ho,

efisɛ woasɛe wʼasase

na wakunkum wo nkurɔfo.

Otirimɔdenfo asefo no

wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade ɔhene.

21 Siesie faako a wobekunkum ne mmabarima

wɔn agyanom bɔne nti;

ɛnsɛ wɔsɔre di asase no so

na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.

22 "Mɛsɔre atia wɔn,"

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

"Metwa ne din ne ne nkae,

ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,"

sɛnea Asafo Awurade se ni.

23 "Mɛdan no ayɛ faako a mpatu

ne ɔwora;

mede ɔsɛeprae bɛpra no,"

sɛnea Asafo Awurade se ni.

Nkɔmhyɛ A Etia Asiria

24 Asafo Awurade aka ntam se,

"Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,

na sɛnea masusuw no, ɛrensesa.

25 Mɛsɛe Asiria pasaa mʼasase so;

metiatia no so me mmepɔw so.

Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so,

na nʼadesoa nso afi wɔn so."

26 Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa;

eyi ne nsa a wɔateɛ aman nyinaa so.

27 Na Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan?

Na wateɛ ne nsa, hena na obesianka no?

Nkɔmhyɛ A Etia Filistifo

28 Saa adehu yi baa afe a ɔhene Ahas wui no:

29 Munnni ahurusi, mo Filistifo,

abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;

saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba,

na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho hare na nʼano bɔre.

30 Ahiafo mu hiani benya didibea,

na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu.

Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase;

ebekunkum wo nkae no.

31 Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn!

munguan, mo Filistifo!

Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba,

na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔn mu.

32 Mmuae bɛn na wɔde bɛma

saa ɔman no ananmusifo?

"Awurade de Sion atim ,

ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também