Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 15

Nkɔmhyɛ A Etia Moab

1 Adehu a ɛfa Moab ho:

Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab

Da koro anadwo bi,

wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab

da koro anadwo bi!15.1 Ar ne Kir yɛ Moabfo nkurow atitiriw abien.

2 Dibon foro nʼasɔredan mu,

ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu;

Moab twa adwo Nebo ne Medeba ho.

Wɔayi eti biara so nwi

na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.

3 Wofurafura atweaatam mmɔnten so;

adan atifi ne ɔman ahyiae

wɔn nyinaa retwa adwo,

wɔdeda fam na wosu.

4 Hesbon ne Eleale teɛ mu su,

wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ.

Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su,

na wɔbotobotow.

5 Midi Moab ho awerɛhow me koma mu;

nʼaguanfo guan kodu Soar,

ne Eglat Selisiya.

Wɔforo Luhit,

wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;

Horonaim kwan so nso

wodi wɔn sɛe ho awerɛhow.

6 Nimrim nsuwansuwa ayoyow

na sare no ahyew

afifide nyinaa ayera

na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.

7 Enti ahonyade a wɔapɛ agu no

wɔsoa de kotwa mpampuro bon.

8 Wɔn nkekawmu gyigye Moab ahye so;

wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim

na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.

9 Dimon nsu ayɛ mogya nko ara

nanso mɛkɔ so ne no adi

gyata bɛba Moab aguanfo so

ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também