Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 56

Afoforo Nkwagye

1 Sɛɛ na Awurade se:

"Monkɔ so mmu atɛntrenee

na monyɛ nea eye,

efisɛ me nkwagye abɛn

na ɛrenkyɛ me trenee bɛda adi.

2 Nhyira nka onipa a ɔyɛ eyi,

onipa a okura mu dennen,

nea ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,

na ɔkame ne ho fi bɔneyɛ ho."

3 Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka se,

"Ampa ara Awurade renkan me mfra ne nkurɔfo mu."

Na piamni biara nso nwiinwii ,

"Meyɛ duwui."

4 Sɛɛ na Awurade se,

"Piamfo a wɔkae me homenna,

wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ mʼani

na wokura mʼapam mu dennen,

5 mɛma wɔn, mʼasɔredan ne ho afasu no

nkae ade ne din a,

ɛkyɛn mmabarima ne mmabea;

mɛma wɔn din a ɛbɛtena afebɔɔ

din a ɛrentwa mu.

6 Na ananafo a wɔde wɔn ho bata Awurade ho

wɔbɛsom no,

wɔbɛdɔ Awurade din,

na wɔasɔre no,

wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa

na wokura mʼapam mu dennen,

7 eyinom na mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so

na mama wɔn anigye me mpaebɔfi.

Wɔn ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ ahorow no

megye mʼafɔremuka so;

na wɔbɛfrɛ me fi

aman nyinaa mpaebɔfi."

8 Otumfo Awurade,

nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se:

"Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn ho

aka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho."

Onyankopɔn Sobo A Etia Amumɔyɛfo

9 Mommra, mo wuram mmoadoma nyinaa,

mummedidi, mo kwae mu mmoa nyinaa!

10 Israel awɛmfo anifuraefo,

wɔn mu biara nni nimdeɛ;

wɔn nyinaa akraman mum,

wontumi mmobɔ mu;

wɔdeda na wɔsoso dae,

nna wɔn .

11 Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye;

wonnidi mmee da.

Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease;

wɔn nyinaa fa wɔn kwan,

obiara nʼankasa mfaso.

12 "Mommra," obiara teɛ mu se, "momma me nsa!

Momma yɛnnom bobesa mmow!

Na ɔkyena bɛyɛ nnɛ,

ebia ɛbɛsen nnɛ koraa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também