Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 24

Asase Sɛe A Efi Awurade

1 Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan

na wasɛe no;

ɔbɛsɛe asase ani

na wabɔ sotefo ahwete,

2 ɛbɛyɛ saa ara

ama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa,

ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo,

ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa,

ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ,

ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea,

ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma.

3 Asase bɛda mpan koraa,

na wɔafom so nneɛma.

Awurade, na waka saa asɛm yi.

4 Asase so wosee, na ekisa

wiase ahoyeraw mu, na ekisa,

nea wɔama no so asase so ho yeraw no.

5 Asase so nnipa agu ne ho fi;

wɔanni mmara no so,

wɔabu ahyɛde no so

na wɔasɛe apam a ɛwɔ daa no.

6 Enti nnome amene asase no

ɛsɛ so nnipa nya wɔn afɔdi so akatua

ne saa nti wɔahyew asase no so nnipa,

na kakraa bi na wɔaka.

7 Nsa foforo no ho yow na bobe no guan;

wɔn a wogye wɔn ani no si apini.

8 Akasaebɔ mu anigye no agyae,

ahosɛpɛwfo no nteɛteɛmu no agyae.

Sankuten so nnwom dɛdɛ no ayɛ dinn.

9 Wɔnnto dwom mfa nnom nsa bio;

mmorɔsa ayɛ nwen ama anomfo.

10 Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;

wɔatoto ofi biara apon mu.

11 Wɔpere nsa mmɔnten so;

ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ,

anigye nyinaa atu ayera asase no so.

12 Kuropɔn no asɛe,

wɔabubu nʼapon mu nketenkete.

13 Saa ara na ɛbɛyɛ asase no so

ne amanaman no mu,

sɛnea wɔboro ngodua a ɛyɛ no,

anaa sɛnea wogyaw mpɛpɛ bobe twabere akyi no.

14 Wɔma wɔn nne so, wɔde anigye teɛteɛ mu;

efi atɔe fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.

15 Enti apuei fam, monhyɛ Awurade anuonyam;

momma Awurade din so, Israel Nyankopɔn no,

supɔw a ɛwɔ po so no so.

16 Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se,

"Anuonyam nka Ɔtreneeni no."

Nanso mekae se, "Matɔ beraw, mapa abaw!

Minnue!

Ɔfatwafo di huammɔ!

Ɔnam nnaadaa so di huammɔ."

17 Ehu, amoa ne afiri retwɛn mo,

nnipa a mote asase so.

18 Nea ehu nti oguan no

bɛtɔ amoa mu;

nea ɔforo fi amoa mu no

afiri beyi no.

Wɔabue nsu apon ɔsoro,

na asase nnyinaso wosow.

19 Wɔadwiriw asase no

na emu apaapae,

na asase awosow ankasa.

20 Asase ntintan te ɔsabowfo.

Ehinhim biribiri te ntamadan mframa ano;

nʼatuatew ho afɔdi ayɛ adesoa ama no

na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Saa da no, Awurade bɛtwe

ɔsoro atumfo

ne ahemfo a wɔwɔ asase so aso.

22 Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu

nneduafo ahyɛ afiase amoa mu;

wɔbɛto wɔn mu afiase

na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.

23 Ɔsram anim begu ase na owia ani awu;

na Asafo Awurade bedi hene

Sion bepɔw so ne Yerusalem,

ne wɔn mpanyimfo anim, anuonyam mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também