Publicidade

Isaías 25

Ayeyi Nka Awurade

1 Awurade, wo ne me Nyankopɔn;

mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,

efisɛ wufi nokwaredi mu,

ayɛ anwonwade bebree,

nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.

2 Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw,

kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe;

ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio;

na wɔrensi bio.

3 Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni

atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.

4 Woayɛ ahiafo guankɔbea,

ohiani mmɔborɔni guankɔbea,

ahum ano ahintawee

ɔhyew mu nwini

na atirimɔdenfo home

te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu

5 ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so.

Wobrɛ ananafo huuyɛ ase;

sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no,

saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.

6 Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so

obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna;

nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.

7 Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe

ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho

ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;

8 Ɔbɛmene owu afebɔɔ.

Asafo Awurade bɛpepa

ani so nusu nyinaa.

Obeyi ne nkurɔfo ahohora,

afi nsase nyinaa so.

Awurade, na waka.

9 Saa da no, wɔbɛka se,

"Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni;

yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn;

Awurade no ni, yegyee no dii;

momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu."

10 Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so;

nanso obetiatia Moab so

te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.

11 Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so,

sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare.

Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase

a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.

12 Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu,

obebubu agu fam

ama ayɛ mfutuma.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-