Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Korintofo 6:14-17

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

Kɔkɔbɔ

14 Munnyaa mo ho mma abosonsomfo, efisɛ moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye behyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne Ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na ogyidini ne nea ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? 16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se,

"Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi

na matena wɔn mu;

mɛyɛ wɔn Nyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfo."

17 Awurade se,

"Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ

mommfa mo ho nka biribiara a ɛho ntew.

Montew mo ho mfi nea ɛho ntew ho

na megye mo.

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    14 Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? 16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ,

    "Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie

    na matena wɔn mu;

    mɛyɛ wɔn Onyankopɔn

    na wɔayɛ me nkurɔfoɔ."

    17 Ɛno enti,

    "Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ

    mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.

    Awurade na ɔseɛ.

    Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho,

    na mɛgye mo."

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.