Kɔkɔbɔ
14 Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? 16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ,
"Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie
na matena wɔn mu;
mɛyɛ wɔn Onyankopɔn
na wɔayɛ me nkurɔfoɔ."
17 Ɛno enti,
"Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ
mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.
Awurade na ɔseɛ.
Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho,
na mɛgye mo."