Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Pedro 2

Atoro Adiyifo No

1 Atoro adiyifo kɔɔ tetefo no mu, na saa ara nso na atoro adiyifo bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛma nkyerɛkyerɛ bɔne a nokware nni mu na wɔapa Owura a ogyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛe aba wɔn so prɛko . 2 Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na esiane nea wɔyɛ no nti, nnipa bɛkasa atia nokware kwan no. 3 Saa atoro adiyifo yi nam wɔn sikanibere so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo so mfaso. Wɔn temmufo siesiee ne ho akyɛ, na saa ara nso na wɔn sɛefo no nso asɔre agyina.

4 Onyankopɔn amfa abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛ wɔn. Ɔtow wɔn guu asaman sum mu baabi, guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn atemmu no. 5 Onyankopɔn amma tete wiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyiri baa wɔn a na wonsuro Onyankopɔn no so. Wɔn a ogyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa trenee ho asɛm no ne nnipa baason bi. 6 Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wonsuro Onyankopɔn no kɔkɔ. 7 Ogyee Lot a ɔyɛ ɔtreneeni no fii nnipa nnebɔneyɛfo nsam. 8 Na saa ɔtreneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfo no mu; na afide a na saa nnipa no no adekyee ne adesae no haw no yiye. 9 ɛte saa de a, na ɛkyerɛ Awurade nim ɔkwan a ɔfa so gye nʼakyidifo fi ɔhaw mu, na onim ɔkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfo, twe wɔn aso de twɛn atemmuda no. 10 Ne titiriw no, eyi fa wɔn a wodi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no ho.

Saa atoro akyerɛkyerɛfo yi akokoduru na wommu anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no, efisɛ wonsuro wɔyaw wɔn. 11 Na abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sen saa atoro akyerɛkyerɛfo yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim. 12 Nanso saa nnipa yi wɔn nneɛma te mmoa a wunni adwene, wɔwo wɔn wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wogu nneɛma biara a wɔnte ase no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn mmoa.

13 Wobetua wɔn ɔhaw a wɔma ɛbaa no so ka. Nea wɔn ani gye ho ne wɔbɛyɛ biribiara a eye ma wɔn honam akɔnnɔ no awia ketee. wɔne mo to nsa didi a, egu wɔn anim ase. Efisɛ saa bere no na wɔka nnaadaasɛm. 14 Wɔnhwehwɛ hwee mmea nguamanfo efisɛ wɔpɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛw bɔne mu. Wɔayɛn wɔn koma ama anibere. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15 Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ɔde ne sika a onya no bɔne no kɔfaa so no so. 16 Eyi ma wɔkaa nʼanim ne bɔne no ho. Nʼafurum de onipa nne kasa de siw odiyifo no adammɔsɛm no ho kwan.

17 Saa nnipa yi te asuti a ayow anaasɛ omununkum a mframa no. Onyankopɔn de wɔn asie sum kabii mu baabi. 18 Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nnebɔneyɛfo ho no. 19 Wɔhyɛ wɔn ahofadi ho bere a wɔn ankasa bɔne nkoa efisɛ onipa biribiara a edi no so no akoa. 20 Na onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so guan fi wiase yi mu akwammɔne so, na akyiri no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdan bɔne akoa a, ɛno de ɛyɛ hu sen ne kan no. 21 anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no. 22 Nea ɛbaa wɔn so no kyerɛ , saa yi nokware. "Ɔkraman san kɔtaforo ne fe na prako a wɔaguare no no nso koguare dontori mu."

Veja também

2 Pedro
Ver todos os capítulos de 2 Pedro