Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 10

Ahoni Ho Kɔkɔbɔ

1 Anuanom, mepɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nenanom a wodii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoe mu. 2 Wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu Mose akyidifo omununkum ne po no mu. 3 Wɔn nyinaa dii honhom fam aduan 4 na wɔnom honhom fam anonne. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsu; na saa ɔbotan no Kristo no ankasa. 5 Eyinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa sare no so .

6 Mprempren, eyinom nyinaa nhwɛso ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso , ɛnsɛ yedi bɔne akyi sɛnea wɔyɛɛ no, 7 na ɛnsɛ yɛsom ahoni sɛnea wɔn mu bi yɛe no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, "Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wogoruu abosongoru, yɛɛ ahuhude." 8 Ɛnsɛ yɛbɔ aguaman, sɛnea wɔn mu bi yɛe no na da koro wɔn mu mpem aduonu abiɛsa wuwui no. 9 Ɛnsɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛnea wɔn mu bi maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no. 10 Ɛnsɛ munwiinwii sɛnea wɔn mu bi maa ɔsɛe bɔfo sɛe wɔn no.

11 Eyinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛso maa afoforo. Na wɔkyerɛw guu kɔkɔbɔ maa yɛn. Efisɛ yɛte ɛrenkyɛ na bere no aba awiei. 12 Obiara a osusuw ogyina no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase. 13 Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso.

Morentumi Nhwɛ Afanu No

14 Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfi ahonisom ho. 15 Mekasa kyerɛ mo anyansafo. Asɛm a meka no mummua mfa. 16 yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no ana? Brodo a yebubu mu no nso, yedi a, na ɛnyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ ana? 17 Esiane brodo no baako na yedi no ɔhonam koro mu nti, ɛwɔ mu yɛdɔɔso de, nanso yɛn nyinaa nnipa baako.

18 Monhwɛ Israelman. Wɔn a wodi afɔre aduan no ne afɔremuka no ayɔnkoyɛ. 19 Mibisa se, afɔrebɔde a wɔde ama ohoni no biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? 20 Dabi, asɛm a mereka ne , nea wɔde abɔ afɔre ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ mode mo ho bɛhyehyɛ ahonhommɔne. 21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi Awurade pon so na monsan nnidi ahonhommɔne pon nso so. 22 Anaa mopɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yegye di yɛyɛ den sen no ana?

23 Wɔka se, "Woama yɛn ho kwan yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ." Nanso ɛnyɛ biribiara na eye. "Wɔama yɛn ho kwan yɛnyɛ biribiara." Nanso ɛnyɛ biribiara na etumi boa yɛn. 24 Ɛnsɛ obiara ne nko ne yiyedi na mmom, ɛsɛ ɔhwehwɛ afoforo nso yiyedi.

25 Tiboa nti mutumi biribiara a wɔtɔn gua so di a mummisa ho asɛm biara. 26 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, "Asase ne nea ɛwɔ so nyinaa Awurade dea."

27 Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene wobɛkɔ a, tiboa nti, aduan a ɔde bɛma wo biara no, di a wummisa ho asɛm biara. 28 Nanso obi ka kyerɛ wo se, "Wɔde saa aduan yi maa ahoni" a, esiane nea ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa nti, nni saa aduan no. 29 Ɛno nyɛ wo tiboa, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa. Obi bebisa se, "Adɛn nti na obi tiboa siw mʼahofadi ho kwan? 30 meda Awurade ase mʼaduan ho a, adɛn nti na aduan a mada ho ase no obi ka ho asɛm?"

31 Biribiara a mobɛyɛ no, moredidi o, morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. 32 Monnyɛ biribiara mfa nhaw Yudafo anaa amanamanmufo anaa Onyankopɔn asafo. 33 Monyɛ sɛnea meyɛ no. Mema obiara ani gye nea meyɛ ho a minnwen mʼankasa me yiyedi ho, na mmom midwen yɛn nyinaa yiyedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.

Veja também