Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Timóteo 1

Nhyia

1 Saa nhoma yi fi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu somafo no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me ɔsomafo, na ɔde nkwa a ɔhyɛ ho a ɛnam Kristo Yesu mu gyidi so de brɛ mo.

2 Mede kɔma me dɔba Timoteo:

Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

3 Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo me mpaebɔ mu. 4 Mekae wo nisutew bere a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti mihu wo bio a mʼani begye. 5 Wɔkae me wo nokware gyidi a efii ase wo nenabea Lois ne wo na Eunike mu no, na magye ato mu mprempren ɛwɔ wo nso mu bi saa ara.

6 Eyi nti merebɔ wo nkae , kae akyɛde a bere a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7 Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso. 8 Mma wʼani nnwu Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9 Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10 nanso mprempren wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba no so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owu so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te kanea, na ɛma nkwa a enni awiei brɛɛ yɛn. 11 Onyankopɔn ayi me ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo menna Asɛmpa no adi. 12 Ɛnam eyinom so nti na mihu saa amane yi. Nanso meda so gyidi, efisɛ minim nea mede me ho to no so no, na minim nso ɔbɛkora nea mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.

13 So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de Kristo Yesu mu no mu. 14 Wɔde ademude a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa ho ban.

15 Sɛnea wunim no, Kristofo a wofi Asia baa ha no nyinaa aguan agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.

16 Awurade nhu Onesiforo fifo mmɔbɔ, efisɛ ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu me ho mada afiase pɛn, 17 na oduu Roma , na ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kosii ohuu me. 18 Awurade mmoa no na da no, onya ahummɔbɔ mfi Awurade no nkyɛn! Wunim akwan ahorow a ɔfaa so boaa me Efeso.

Veja também

2 Timóteo
Ver todos os capítulos de 2 Timóteo