Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Timóteo 1

8 Mma wʼani nnwu Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9 Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10 nanso mprempren wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba no so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owu so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te kanea, na ɛma nkwa a enni awiei brɛɛ yɛn.

Veja também

2 Timóteo
Ver todos os capítulos de 2 Timóteo