Pular para o conteúdo
Publicidade

Amos 6

1 Nnome nka mo a mugye mo ho di Sion,

ne mo a mo asom adwo mo Samaria bepɔw so,

mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu,

a Israelfo ba mo nkyɛn!

2 Monkɔ Kalne nkɔhwɛ .

Na mumfi nkɔ Hamat kɛse mu,

munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.

Woye sen mo ahemman abien no?

Wɔn asase no so sen mo de no ana?

3 Mutu da bɔne hyɛ da

na motwe atemmuda bɛn.

4 Modeda asonse mpa so

mugye mo ahome mo nnae mu,

na mowe nguantenmma ne

nantwimma a wɔadodɔ srade nam.

5 Mode mo sankuten to ahuhunnwom,

na mobɔ mo tirim nnwom

mo nnwontode so te Dawid.

6 Monom nsa nkora mu

na mode sradehuam papa mo ho,

na munni awerɛhow Yosef sɛe ho.

7 Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho;

na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.

Awurade Kyi Israel Ahomaso

8 Otumfo Awurade aka ne ho ntam

na nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni:

"Mikyi Yakob ahomaso

na mempɛ nʼaban;

mede kuropɔn no bɛma

ne nea ɛwɔ mu nyinaa."

9 wogyaw nnipa du ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu. 10 Na obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba ɔrebɛfa wɔn afi fie na obisa obi a wakɔtɛw se, "Obi ka wo ho ana?" Na obua se, "Dabi" a, afei ɔbɛka se, "Mua wʼano!" Ɛnsɛ wɔbɔ Awurade din.

11 Na Awurade ahyɛ mmara

na obebubu afi akɛse no mu asinasin

ne afi nketewa no nso mu nketenkete.

12 Apɔnkɔ tu mmirika abotan a apaapae so ana?

Na obi de nantwi funtum ana?

Nanso moadan atɛntrenee ayɛ no awuduru.

Na trenee nso ayɛ nwenweenwen.

13 Mo a mo ani gye Lo-debar nkogu ho,

na mubisa se, "Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so ana?"

14 Nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: "Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo,

nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também