Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 21

Ɔsoro Foforo Ne Asase Foforo

1 Afei mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan ɔsoro ne kan asase no atwa mu, na po nso nni bio. 2 Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo efi Onyankopɔn ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te ayeforo a ɔrekohyia ne kunu. 3 Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, "Afei, Onyankopɔn atenae nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni bio. Na kan nneɛma no atwa mu."

5 Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, "Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!" Ɔka kyerɛɛ me nso se, "Kyerɛw eyi, efisɛ saa nsɛm yi nokware a wɔde wɔn ho to so."

6 Na ɔka kyerɛɛ me se, "Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Mfiase ne Awiei no. Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa. 7 Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8 Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne nguamanfo ne asumanfo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu. Ɛno ne owuprenu no."

Yerusalem Foforo No

9 Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, "Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforo a ɔyɛ Oguamma no yere no." 10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn , resian aba fam. 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew ahwehwɛ. 12 Na ne fasu no ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din. 13 Apon abiɛsa apuei; abiɛsa anafo; abiɛsa atifi na abiɛsa atɔe. 14 Wosii kurow no afasu sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguamma no asomafo dumien no din so no so.

15 Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ pema susudua a wɔde besusuw kurow no, nʼapon ne nʼafasu. 16 Na kurow no ahinanan a ne tenten ne ne trɛw . Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten kilomita mpem abien ne ahannan (2,400), na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa . 17 Ɔbɔfo no susuw ɔfasu no nso a na ne sorokɔ nso bɛyɛ mita aduosia. 18 Ahwehwɛbo na ɔde too afasu no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ ankasa a ɛhyerɛn te ahwehwɛ na wɔde toe. 19 Wɔde aboɔdemmo ahorow a ɛyɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa omununkumbo. Fapem a ɛto so anan ahabammono bo. 20 Fapem a ɛto so anum ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia bogyanambo. Fapem a ɛto so ason sikabereɛbo. Fapem a ɛto so awotwe apopobibiribo. Fapem a ɛto so akron akraatebo. Fapem a ɛto so du dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako wusiwbo. Fapem a ɛto so dumien beredumbo. 21 Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Wɔde ahene pa baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no abɔntenkɛse no sika ankasa, kurunnyenn ahwehwɛ.

22 Na manhu asɔredan kurow no baabiara mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn Tumfo ne Oguamma no ne asɔredan. 23 Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no, efisɛ na Onyankopɔn ne Oguamma no anuonyam hyerɛn . 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahode bɛba . 25 Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da . Efisɛ sum nnuru . 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu. 27 Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.

Veja também