Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 22

Nkwa Asubɔnten

1 Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kurunnyenn ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua so, 2 na ɛsen fa kurow no tempɔn kɛse no mfimfini. Nkwa dua si asu no fa biara a afe biara ɛsow aba ahorow dumien ɔsram biara. Wɔde so ahaban no sa aman ahorow no yare. 3 Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua kurow no mu na nʼasomfo bɛsom no. 4 Wobehu nʼanim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so. 5 Ade rensa bio, na akanea anaa hann ho nhia, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade ahene daa daa.

Kristo Reba

6 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, "Saa nsɛm yi nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo no somaa ne bɔfo se ɔmmɛkyerɛ nʼasomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no."

7 Yesu kae se, "Muntie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wotie adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no!"

8 Me Yohane, mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa no nan ase pɛɛ mesom no. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, "Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara . Som Onyankopɔn!"

10 Na ɔka kyerɛɛ me se, "Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no so, efisɛ bere no abɛn. 11 Obiara a ɔyɛ bɔne no nkɔ so nyɛ bɔne, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron."

12 Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te. 13 Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyikafo, Mfiase ne Awiei.

14 "Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntade ma efi, na wɔn na wɔwɔ ho kwan wodi nkwa dua no aba na wɔfa kurow no pon no mu. 15 Na Kurow no akyi na akraman ne asumanfo ne nguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro no nyinaa .

16 "Me, Yesu, na masoma me bɔfo ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no."

17 Honhom no ne ayeforo no se, "Ɛsɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, Bra!Na nea osukɔm de no no mmra, na nea ɔpɛ no nso, ommegye nkwa nsu no kwa."

Awiei

18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kɔkɔ se: obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu saa nhoma yi mu no ho. 19 Na obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya nkwa dua no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu nhoma yi mu no.

20 Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se, "Yiw! Mereba ntɛm!"

Amen. Bra, Awurade Yesu!

21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefo nyinaa. Amen.

Veja também