11 Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no. 12 Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum wɔ me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi ɔsoro, me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.