Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 6

Nsɔwano No

1 Afei mihuu Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte aprannaa reka se, "Bra!" 2 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi . Na nea ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔɔ nkonimdifo kodii nkonim.

3 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, "Bra!" 4 Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi.

5 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, "Bra!" Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi . Ne kafo no kura nsania abien. 6 Metee biribi te nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, "Awi susukoraa da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!"

7 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, "Bra!" 8 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din "Owu," na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn.

9 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi, na ase na wɔn a wokum wɔn asɛmpa no ne gyidi no ho adansedi akra . 10 Wɔde nne a ano den kae se, "Otumfo Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso wokunkum yɛn?" 11 Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra nkosi wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho.

12 Na mihuu Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano den ba maa owia yɛɛ tumm birisii, na ɔsram yɛɛ kɔɔ mogya. 13 Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano den borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam . 14 Ɔsoro yeraa te nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne asupɔw fii wɔn atenae.

15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. 16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, "Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano. 17 Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?"

Veja também