Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 10

Noa Awo Ntoatoaso

1 Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.

Yafet Asefo

2 Yafet asefo ni:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3 Gomer asefo ni:

Askenas, Rifat ne Togarma.

4 Yawan asefo ni:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. 5 Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.

Ham Asefo

6 Ham asefo ni:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7 Kus10.7 Kus aman ahorow ason no nyinaa wɔ Arabia. asefo ni:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefo nso ne:

Saba ne Dedan.

8 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse asase so. 9 Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho. 10 Nʼahenni fii ase Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa Sinear10.10 Sinear kyerɛ tete Babilonia. asase so. 11 Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne 12 Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse saa ahemman no mu.

13 Na Misraim woo

Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo, 14 Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo10.14 Filistifo ase fi India Aborɔfo mu. Wotu fii Kraftor (Yer 47.4; Amos 9.7). Mfe ɔha ne dumien mu ansa na wɔrebɛwo Kristo no (AWK) na wodii Misraim so. Wɔpam wɔn fii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenae Kanaan mpoano. fi.

15 Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het. 16 Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, 17 Hewifo, Arkifo, Sinifo, 18 Arwadfo, Semarifo ne Hematifo.

Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee. 19 Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.

20 Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefo

21 Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.

22 Sem asefo ni:

Elam, Asur,10.22 Asur yɛ Asiria tete din. Arfaksad, Lud ne Aram.

23 Aram asefo ni:

Us, Hul, Geter ne Mas.

24 Na Arfaksad woo Sela,

na Sela woo Eber.

25 Eber woo mmabarima baanu.

Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

26 Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 27 Hadoram, Usal, Dikla, 28 Obal, Abimael, Seba, 29 Ofir, Hawila ne Yobab.

30 Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so apuei fam no.

31 Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

32 Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também