Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 44

Yosef Amma Benyamin Ankɔ

1 Afei, Yosef hyɛɛ ne somfo panyin no se, "Fa aduan dodow biara a mmarima no betumi asoa no hyɛ wɔn nkotoku no amaama, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotoku mu ma no. 2 Na fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduan no sika ho, na fa hyɛ ne kotoku no mu." Na ɔyɛɛ sɛnea Yosef kaa no pɛpɛɛpɛ.

3 Ade kyee anɔpa no, ogyaa anuanom no ne wɔn mfurum no kwan. 4 Wɔannu akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne somfo panyin no se, "Tiw nkurɔfo no ntɛm, na woto wɔn a, bisa wɔn se, Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Adɛn nti na moawia me dwetɛ kuruwa? 5 Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi bɔne kɛse a moayɛ.’ "

6 Ɔkɔtoo wɔn no, otii saa asɛm koro yi ara mu kyerɛɛ wɔn. 7 Nanso anuanom no buaa no se, "Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa wɔbɛyɛ ade a ɛte saa! 8 Sika a yehuu yɛn nkotoku mu no, yɛansan amfa amfi Kanaan ammrɛ mo ana? Adɛn nti na ɛsɛ yewia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ fi wo wura fi? 9 wuhu saa kuruwa no wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ wukum saa onipa no. Na ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa."

10 Ɔsomfo no buae se, "Eye, na nea owiae no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa; na mo a moaka no bɛfa mo ho adi."

11 Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no fii mfurum no so guu fam, sansan wɔn nkotoku no ano. 12 Na ɔsomfo no fii ase, hwehwɛɛ wɔn nkotoku no mu fi ɔpanyin no so kosii akumaa no so. Wohuu kuruwa no Benyamin kotoku no mu. 13 Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuan wɔn ntade mu. Afei, wɔn nyinaa san hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔn mfurum no so, san kɔɔ kurow no mu.

Anuanom No Bu Yosef Nkotodwe

14 Bere a Yuda ne ne nuanom no koduu kurow no mu no, na Yosef da so ne fi . Enti wɔn nyinaa totow wɔn ho guu fam nʼanim. 15 Yosef bisaa wɔn se, "Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim onipa a ɔte me nam nhumusɛm so betumi ahu biribiara mu ana?"

16 Yuda buae se, "Anoyi bɛn na yebetumi ayi me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahu yenni saa asɛm yi ho ? Onyame ada yɛn wʼasomfo afɔdi yi adi. Yɛne nea wohuu kuruwa no no nkyɛn no nyinaa yɛn wura nkoa."

17 Nanso Yosef kae se, "Ɛmpare me mɛyɛ ade a ɛte saa. Onipa a wohuu kuruwa no ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no de, monsan nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoe mu."

Yuda Srɛ Ma Benyamin

18 Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no se, "Ma me a meyɛ wʼakoa no kwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwɔ mu wo ne Farao de, nanso mesrɛ wo, nya ntoboase ma wʼakoa. 19 Me wura bisaa nʼasomfo no se, Mowɔ agya anaa onuabarima bi?20 Na yebuae se, Yɛwɔ agya a wabɔ akwakoraa ne yɛn kaakyiri a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne na ba a waka. Nʼagya nʼasɛm yiye.

21 "Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfo se, Momfa no mmra, na menhwɛ no.22 Yɛka kyerɛɛ me wura se, Abarimaa no rentumi ntew ne ho mfi nʼagya ho. Na ɛba ɔtew ne ho fi nʼagya ho a, nʼagya no bewu.23 Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfo se. moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim bio.24 Yɛsan kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.

25 "Na yɛn agya kae se, Monsan nkɔ bio nkɔtɔ aduan kakra mmra.26 Nanso yɛka kyerɛɛ yɛn agya se, Yɛrentumi nkɔ, gye yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.

27 "Wʼakoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn se, Munim me ne me yere woo mmabarima baanu. 28 Wɔn mu baako fii me nkyɛn kɔe a manhu no bio ma mekae se, "Aboa bi atetew no pasaa." Efi saa bere no, minhuu no bio. 29 mofa oyi fi me nkyɛn, na asiane bi kosiane no kwan so a, me nso, mede awerɛhow bewu bi.

30 "Enti saa bere yi, yekopue fi wʼakoa, yɛn agya, anim na abofra yi nka yɛn ho, ne sɛnea ne koma da abofra no so fa no, 31 ohu abofra no nka yɛn ho a, obewu. Wo nkoa bɛma wɔn agya de ne ti so dwen akɔ asaman awerɛhow mu. 32 Wʼakoa a ɔde ne ho dii abofra no akagyinamu ɔde no bɛba no kae se, mamfa no ansan ammrɛ wo a, ɛho asodi no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.

33 "Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abofra no anan mu ha, na ma abofra no ne ne nuabarimanom no nsan nkɔ. 34 Na abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya saa asɛm yi ho no ano."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também