Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Mose (Gyenesis) 49

Yakob Hyira Ne Mmabarima

1 Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, "Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.

2 "Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie;

muntie mo agya Israel.

3 "Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.

Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan a

ɛboro anuonyam ne tumi so.

4 Woyɛ kitikiti asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,

efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae,

de guu mʼanim ase.

5 "Simeon ne Lewi anuanom.

Wogyina ma basabasayɛ ne asisi.

6 Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho,

efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa,

na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.

7 Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano den,

na ɛyɛ atirimɔdensɛm!

Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete

Israelman mu nyinaa.

8 "Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ.

Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

Wʼagya mmabarima bɛkotow wo.

9 Yuda, woyɛ gyata ba a

woawe wʼatamfo nam awie.

Wote gyata a wabutuw.

Hena na obetumi akɔka no?

10 Ahempema remfi Yuda nsam,

na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam,

kosi , nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.

11 Ɔbɛsa nʼafurum bobe dua mu.

Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu.

Ɔbɛhoro ne ntama nsa mu,

na wahoro nʼatade nso bobesa kɔɔ mu.

12 Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa.

Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu.

13 "Sebulon bɛtena mpoano.

Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.

Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon.

14 "Isakar afurum hoɔdenfo a

obutuw rehome nguankuw mu.

15 ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa,

ne sɛnea nʼasase no so dwo a,

obekuntun agye adesoa,

na wapene so akoa ama ɔhyɛ adwuma.

16 "Dan bebu ne manfo atɛn

Israel mmusuakuw no baako.

17 Dan bɛyɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn;

ɔbɛyɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a

ɔka ɔpɔnkɔ nantin,

sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi.

18 "Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.

19 "Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so,

na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so.

20 "Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa.

Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.

21 "Naftali te ɔforote a wɔagyaa no a

ɔwo mma ahoɔfɛfo.

22 "Yosef ngodua a ɛsow aba,

a esi asuten ho,

na ne mman tra afasu.

23 Agyantowfo kaa no hyɛe,

de abufuw tow hyɛɛ ne so.

24 Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn,

na ne basa mu yɛɛ den;

esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no

a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no;

25 esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no;

Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo;

nhyira a efi asase ase pɛɛ;

nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.

26 Wʼagya nhyira a wɔahyira no no

bɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔw

ne nkoko a etintim daa no so nnɔbae.

Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so,

engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so.

27 "Benyamin pataku a ɔyɛ nam;

ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we,

na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no."

28 Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.

Yakob Wu Ne Ne Sie

29 Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, "Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. miwu a, munsie me ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo mu no mu. 30 Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei. 31 Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso. 32 Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn."

33 Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no ne mpanyimfo nkyɛn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também