Pular para o conteúdo
Publicidade

Adiyisɛm 7

Onyankopɔn Asomfo Kann

1 Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ asase ne po so ne baabiara. 2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi wɔnsɛe asase ne po no. 3 Ɔbɔfo no kae se, "Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae." 4 Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.

5 Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

6 Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

7 Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

8 Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também