Woyi Israelfo Baanan Tetew Wɔn
1 Yudahene Yehoiakim dii ade ne mfe abiɛsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼasraafo betuaa ɔman no ano. 2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.
3 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ne piamfohene Aspenas se, ɔmfa mmerante no bi a wofi Yuda adehye abusua mu, ne wɔn a wofi mmusua atitiriw mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nnommum no mmra ahemfi hɔ, 4 mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma. 5 Ɔhene no hyɛe sɛ, daa wɔmfa aduan ne nsa a efi ne didipon so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn mfe abiɛsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfo.
6 Mmerante baanan bi a woyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa fi Yuda abusuakuw mu.