Pular para o conteúdo
Publicidade

Mika 1

1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika1.1 Mika nkyerɛase ne "Hena na ɔte sɛ Awurade," a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho: Saa nkuropɔn abien yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmu a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman abien no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho. bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,

muntie, asase ne mo a mote so nyinaa.

Otumfo Awurade redi adanse atia mo,

ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem

3 Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba;

ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Mmepɔw nan nʼase,

aku mu paapae

te ama a aka ogya,

te nsu a ɛresian waa fi koko so.

5 Eyi nyinaa Yakob nnebɔne,

ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti.

Yakob nnebɔne ne dɛn?

Ɛnyɛ Samaria ana?

Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

Ɛnyɛ Yerusalem ana?

6 "Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw,

baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.

Mehwie nʼabo agu obon mu

ama ne fapem ho ada .

7 Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin;

wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa.

Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa.

Esiane nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa,

onya fii nguamanfo akatua mu no nti

wɔde bɛma nguamanfo."

Osu Ne Awerɛhow

8 Eyinom nti mesu atwa agyaadwo;

mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa.

Mɛworo so odompo

na masu patu.

9 Nʼapirakuru no wu ayɛ den;

abedu Yuda.

Abedu me nkurɔfo pon ano

mpo adu Yerusalem ankasa.

10 Monnka no Gat

munnsu koraa

Mo a mowɔ Bet-Leafra de,

monyantam mfutuma mu.

11 Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu,

mo a mote Safir.

Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue.

Bet-Esel awerɛhow mu;

efisɛ, wo na onya ne bammɔ.

12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu

de twɛn mmoa,

efisɛ amanehunu a efi Awurade aba

abedu Yerusalem pon ano.

13 Mo a mote Lakis,

munsiesie nteaseɛnam no.

Mone bɔne farebae

ma Ɔbabea Sion,

na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14 Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat,

Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.

15 Mede nkonimdifo bɛtoa mo;

mo a mote Maresa.

Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no

bɛba Adulam.

16 Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow,

mma a mo ani gye wɔn ho no ho;

mommɔ tikwaw te opete,

efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn

akɔ nnommum mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também