Pular para o conteúdo
Publicidade

Yona 4

Yona Abufuw Awurade Ahummɔbɔ Ho

1 Nanso na eyi mfomso kɛse ma Yona, na ne bo fuwii. 2 Ɔbɔɔ Awurade mpae se, "Awurade, bere a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sɛɛ na mekae? Eyi nti na meperee miguan akɔ Tarsis no, efisɛ na minim , woyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw, na wo boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛn nʼanan ase bɔne amanehunu ho. 3 Afei, Awurade! Gye me nkwa fi me nsɛm. Eye ma me mewu sen mɛtena ase."

4 Na Awurade buae se, "Eye wo bo fuw saa asɛm yi ho ana?"

5 Na Yona kɔɔ kuropɔn no apuei fam baabi kɔtenaa . Ɔbɔɔ pata tenaa ne nwini no mu, twɛn nea ɛbɛba kuropɔn no so. 6 Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho. 7 Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee dua no maa nhaban no poe. 8 Owia puei no, Onyankopɔn maa apuei mframa bi a mu hyew bɔe, na owia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ beraw. Ɔpɛɛ owu, na ɔkae se, "Eye ma me miwu sen metena ase."

9 Onyankopɔn bisaa Yona se, "Eye wofa abufuw dua no ho ana?"

Yona buae se, "Yiw, me bo afuw, na miwu a anka mepɛ."

10 Na Awurade kae se, "Dua yi ho asɛm ahaw wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma enyinii. Efifii ntɛmntɛm na ewuu ntɛmntɛm. 11 Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu Ninewe a wonnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso . Ɛnsɛ mema Ninewe kuropɔn yi ho asɛm haw me ana?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Jonas
Ver todos os capítulos de Jonas