Pular para o conteúdo
Publicidade

Mika 2

Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛe

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene,

wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so!

Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no,

efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

2 Wɔn ani bere mfuw, na wogye.

Na afi nso wɔfa.

Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi,

na wɔn agyapade nso wogye.

3 Enti, sɛnea Awurade se ni,

"Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho

na worentumi nyi wo ho mfi mu.

Worentumi nnantew ahantan so bio,

efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.

4 Saa da no, nnipa bɛserew mo.

Wɔde saa awerɛhow dwom yi

bedi mo ho fɛw se:

‘wɔasɛe yɛn koraa;

wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu.

Ogye fi me nsam!

Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ "

5 Enti morennya obi wɔ

Awurade asafo mu

a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

Atoro Adiyifo

6 "Monnhyɛ nkɔm," saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka.

"Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;

animguase rento yɛn."

7 Mo Yakobfi, so wɔnka se,

"Awurade Honhom nni boasetɔ ana?

Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana?

"Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ

no yiye ana?

8 Akyiri no me nkurɔfo asɔre

te sɛ ɔtamfo.

Moworɔw ntade pa fi

wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho,

ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.

9 Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu

fi wɔn afi afɛɛfɛ mu.

Mugye me nhyira

fi wɔn mma nsam afebɔɔ.

10 Sɔre, fi ha kɔ!

Ha nyɛ faako a wɔhome,

efisɛ ho agu fi,

Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.

11 Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se,

‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’

ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ."

Ogye Ho Bɔhyɛ

12 "Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob;

nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu.

Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu,

te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea;

nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.

13 Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim;

wobebu apon no na wɔafi akɔ.

Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim,

Awurade bɛyɛ wɔn ti."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.