26 Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar) no se, "Ɛyɛ nokware? Wubetumi akyerɛ me nea mihuu wɔ me dae no mu na woakyerɛ me ase?"
27 Daniel buae se, "Nana, anyansafo, pɛadeahufo, nkonyaayifo anaa ntafowayifo biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi! 28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kokoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ebesi daakye. Wo dae no ne anisoadehu a bere a woda wo mpa so no wuhui ni: