Pular para o conteúdo
Publicidade

Daniel 7

Mmoa Anan Ho Daeso

1 Ɔhene Belsasar adedi afe a edi kan Babilonia mu no, Daniel soo dae, nyaa anisoadehu ahorow, bere a ɔda ne mpa so no. Ɔkyerɛw dae no mu nsɛm titiriw too .

2 Daniel kae se, "Mʼanisoadehu no mu saa anadwo no, mihuu ɔsoro mframa anan a ɛrebobɔw fa po kɛse no so. 3 Afei mmoa akɛse anan bi pue fii po no mu a ɛsono wɔn mu biara bɔbea.

4 "Na aboa a odi kan no te gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. Mehwɛɛ no ara kosii wotutuu ne ntaban no, na wɔpagyaw no ma ogyinaa ne nan abien so te onipa. Na wɔmaa no onipa adwene.

5 "Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, Sɔre na we nam a wubetumi!

6 "Eyi akyi no, mihuu aboa foforo a ɔte ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban anan a ɛte nnomaa ntaban a etuatua nʼakyi. Saa aboa yi ti anan, na wɔmaa no tumi kɛse.

7 "Eyi akyi no, mʼanisoadehu anadwo no, mihuu aboa a ɔto so anan a ne ho hu yiye, na ne ho den nso. Ɔwɔ se akɛse a ɛyɛ dade na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn no na wawe, na afei ɔde ne nʼanan tiatia nkae no so. Ɔda nsow koraa mmoa nkae no mu. Na ɔwɔ mmɛn du.

8 "Bere a migu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforo bi puee mmɛn dedaw no ntam, na etutuu mmɛn dedaw no mu abiɛsa. Na saa abɛn ketewa no aniwa te onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.

9 "Migu so rehwɛ no,

"mihui , wɔde nhengua besisii ,

na Nea ɔwɔ fi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatade fitaa sukyerɛmma;

na ne tinwi hoa oguan nwi.

Nʼahengua dɛw ogyatannaa

na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.

10 Na ogya a ɛte asubɔnten

sen fii nʼanim bae.

Abɔfo mpempem kotow no,

na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.

Baguafo no tenaa ase,

na wofii ase buebuee nhoma mu.

11 "Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu. 12 Mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi fii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛe kakra.

13 "Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. 14 Wɔmaa no tumi, anuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahorow nyinaa som no. Nʼahenni daa ahenni a to rentwa da. Nʼaheman nea wɔrensɛe no da."

Wɔkyerɛ Dae No Ase

15 "Me, Daniel, nea mihuu no nyinaa haw me honhom mu, na mʼanisoadehu no bɔɔ me hu. 16 Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina no mu baako , kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase.

"Ɔkyerɛɛ me ase se: 17 Saa mmoa akɛse anan yi gyina ma ahemman anan a wɔbɛsɔre asase so. 18 Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.

19 "Afei mepɛɛ mihu aboa a ɔto so anan no a na ɔda nsow nkae no mu no nkyerɛase. Na ne ho hu yiye, na ɔde ne se a ɛyɛ dade ne nʼawerɛw a ɛyɛ kɔbere no tetew mmoa a ɔkyere wɔn no we no, na afei ɔde ne nan tiatia nkae no so. 20 Afei mepɛɛ mete mmɛn du a na etuatua ne ti ho ne nea epuee akyi no ase. Ɛbɛsɛee nea na ɛwɔ dedaw no mu abiɛsa, na eyi abɛn a edi mu kyɛn nkae no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so no. 21 Mehwɛɛ no, na saa abɛn yi atu atreneefo no so sa redi wɔn so nkonim, 22 kosii , Nea ɔwɔ fi Tete no ba bebuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefo no dii bem. Afei bere duu wɔfa ahemman no.

23 "Afei ɔkyerɛɛ me ase se, Saa aboa a ɔto so anan yi ahemman a ɛto so anan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nsow ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasin. 24 Ne mmɛn du no ahemfo du a wobefi saa ahemman no mu. Afei ɔhene foforo bɛsɔre a ɔda nsow du a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu baasa ase. 25 Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefo no so. Ɔbɛbɔ mmɔden , ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahorow ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase akosi mmere bi.

26 " Nanso baguafo bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. 27 Afei wɔde ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ nheman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefo, Ɔsorosoroni no nkurɔfo. Na nʼaheman bɛtena daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ osetie ama no.

28 "Asɛm no awiei ni. Me, Daniel, mʼadwennwene yi haw me yiye na mʼanim sesae, na mede saa nsɛm yi siee me koma mu."

Veja também