Pular para o conteúdo
Publicidade

Efésios 5

1 Esiane moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no 2 na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too maa yɛn afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no.

3 Nanso ɛnsɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron. 4 Saa ara nso na ɛmfata moka kasa fi, ahuhusɛm anaa muyi aseresɛm, mmom monna ase. 5 Munnya ntease , obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere abosonsom) no rennya kyɛfa biara Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi. 6 Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no. 7 Enti mo ne saa nnipa no nyɛ biribiara.

8 Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann Awurade mu. Ne saa nti montena ase hann mma. 9 Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo, 10 na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani. 11 Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ sum mu ho, na mompa ho ntama. 12 Ɛyɛ aniwu wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfo no sum mu no so. 13 Nanso hann no wɔn so a, yebehu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14 Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se,

"Nyan, wo a woada,

na sɔre fi awufo mu,

na Kristo bɛhyerɛn wo so."

15 Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom wɔn a wonim nyansa. 16 Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi nna bɔne. 17 Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase. 18 Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19 Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no koma mu, 20 na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara biribiara ho yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

21 Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.

Ɔyerenom Ne Okununom

22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 efisɛ okunu ɔyere no ti sɛnea Kristo asafo no ti ne ne Gyefo no. Asafo no Kristo nipadua. 24 Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase biribiara mu ma wɔn kununom.

25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too maa no, 26 na ɔnam asɛm no so de nsu guaree no yɛɛ no kronkron, 27 de maa ne ho asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ. 28 Saa ara na ɛsɛ mmarima wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no nʼankasa ne ho. 29 Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo asafo no, 30 na yɛn nso yɛyɛ ne nipadua no ho akwaa. 31 "Eyi nti, ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ ɔhonam baako." 32 Eyi ahintasɛm a mu , nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33 Enti ɛsɛ okunu biara ne yere nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.

Veja também