Pular para o conteúdo
Publicidade

Nehemia 10

1 Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni:

Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado.

Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia, 2 Seraia, Asaria, Yeremia,

3 Pashur, Amaria, Malkia,

4 Hatus, Sebania, Maluk,

5 Harim, Meremot, Obadia,

6 Daniel, Gineton, Baruk,

7 Mesulam, Abia, Miyamin,

8 Maasia, Bilgai ne Semaia.

Eyinom ne asɔfo no.

9 Lewifo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:

Asania babarima Yesua, Binui a ofi Henadad abusua mu, Kadmiel,

10 ne wɔn mfɛfo Lewifo a, wɔne:

Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

11 Mika, Rehob, Hasabia,

12 Sakur, Serebia, Sebania,

13 Hodia, Bani ne Beninu.

14 Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne:

Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,

15 Buni, Asgad, Bebai,

16 Adoniya, Bigwai, Adin,

17 Ater, Hesekia, Asur,

18 Hodia, Hasum, Besai,

19 Harif, Anatot, Nebai,

20 Magpias, Mesulam, Hesir,

21 Mesesabel, Sadok, Yadua,

22 Pelatia, Hanan, Anaia,

23 Hosea, Hanania, Hasub,

24 Halohes, Pilha, Sobek,

25 Rehum, Hasabna, Maaseia,

26 Ahiya, Hanan, Anan,

27 Maluk, Harim, Baana.

28 "Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no, 29 wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew , wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ , wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.

Nnipa No Bɔhyɛ

30 "Yɛhyɛ , yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea.

31 "Yɛsan hyɛ , nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ , yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu.

32 "Nea ɛka ho ne , yɛhyɛ , yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra. 33 Eyi bɛboa ama yɛanya Daa Daa Brodo, na yɛatumi abɔ atoko ne ɔhyew afɔre bere ano bere ano, abɔ homeda afɔre ahorow, adi ɔsram foforo afahyɛ ahorow ne dapɔnna ahorow no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔre ne bɔne ho afɔre mpata ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho behia ama yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.

34 "Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no.

35 "Yɛhyɛ , daa yɛde otwakan biara mu kyɛfa bi, ɛyɛ asaseduan anaa aduaba a efi nnua so no, bɛba Awurade Asɔredan mu.

36 "Yɛpene so , yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no.

37 "Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ , yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no yɛn nkuraa. 38 Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan10.38 Na adekoradan bebree wɔ asɔredan no mfimfini a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma a ɛyɛ kronkron. no mu. 39 Ɛsɛ ɔmanfo no ne Lewifo no de afɔrebɔde a ɛyɛ atoko, nsa foforo ne ngo no begu adekorade kronkron a ɛbɛn asɔfo a wɔresom no, aponanohwɛfo ne nnwontofo no Asɔredan no mu.

"Enti yɛbɔ mu hyɛ yɛrentoto yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ase."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também