Pular para o conteúdo
Publicidade

Gálatas 1

Nkyia

1 Paulo, ɔsomafo a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔpaw me ɔsomafo, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no, 2 ne anuanom a wɔne me ha nyinaa,

De krataa yi kɔma Galati asafo ahorow no nyinaa:

3 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4 Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔre gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu. 5 Anuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.

6 Mo ho me nwonwa mopɛ ntɛm po nea ɔfrɛɛ mo se montena Kristo adom mu no, kodi asɛmpa foforo 7 a ɛnyɛ nokware asɛmpa koraa bi no akyi. Ɛda adi nnipa bi a wɔredan mo adwene wosiw Kristo Asɛmpa no ho kwan. 8 Na yɛn, anaa ɔbɔfo fi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. 9 Yɛaka dedaw na mereti mu : Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye ato mu no abira no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu.

10 Nea nnipa pene so na mereyɛ yi ana? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? migu so saa de a, na menyɛ Kristo somfo.

Onyankopɔn Frɛ Paulo

11 Anuanom, mepɛ mote ase Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfi onipa . 12 Me nsa anka amfi onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

13 Moate na mesɛe mʼadagyew nyinaa Yudasom ho. Afei moate nso na mede atirimɔden taa Onyankopɔn akyidifo, na mefaa ɔkwan biara a metumi so pɛɛ metɔre wɔn ase. 14 Me mfɛfo Yudafo no de, na mʼadwene mu abue Yudasom ho sen wɔn nyinaa. Na mikura yɛn nananom amanne nso mu denneennen. 15 Nanso Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me memmɛsom no. Na bere no soo 16 ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufo no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem ankohu asomafo a na wodi mʼanim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko na mesan baa Damasko.

18 Mfe abiɛsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn Yerusalem ne no kodii nkɔmmɔ. Midii ne nkyɛn nna dunum. 19 Manhu ɔsomafo biara ka Awurade nua Yakobo ho. 20 Meka kyerɛ mo Onyankopɔn anim se nea merekyerɛw yi nokware turodoo.

21 Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia. 22 Saa bere no na Kristo asafo ahorow a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho , "Afei de, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidi a na ɔpɛ ɔsɛe no no ho asɛm." 24 Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.

Veja também