27 Efisɛ wɔakyerɛw se,
"Ao ɔbea a woyɛ obonin, di ahurusi,
wo a wonwoo da;
ma wo nne so na teɛ mu,
wo a awo nkaa wo da,
efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso
sen nea ɔwɔ kunu."
28 Me nuanom mmea ne mmarima, bɔhyɛ no nti na wɔwoo mo sɛnea wɔwoo Isak no. 29 Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na nnɛ yi nso ɛte saa.