27 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ,
"Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie,
wo a wonnwoo da;
ma wo nne so na team,
wo a awoɔ nkaa wo da,
ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso
sene deɛ ɔwɔ kunu."
28 Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no. 29 Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa.