Onyankopɔn Akasa
1 Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no. 2 Mmom, mmere a edi akyiri no de,1.2 Mmere a bɔhyɛ a wodii ho dwuma wɔ Apam Dedaw mu no baa mu. ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de.