23 Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo. 24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. 25 Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na da no aba.