3 Nea saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4 Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpepa bɔne.
5 Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se:
"Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde
nanso woasiesie ɔhonam ama me.
6 Wʼani nnnye
ɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne ho.
7 Afei mekae se, ‘Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ
sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’ "
8 Kan no ɔkae se, "Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde pepa bɔne ho." Ɛwɔ mu, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. 9 Na ɔkae se, "Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ." Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi anan mu. 10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho.