Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 12

Yɛn Agya Nyankopɔn

1 Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu. 2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. 3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw.

Veja também