7 Enti Honhom Kronkron no ka se,
"Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,
8 monnyɛ asoɔden
te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;
sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.
12 Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho. 13 Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm "Nnɛ" a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no. 15 Kyerɛwsɛm no ka se,
"Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,
monnyɛ asoɔden
te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no."