Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 8

Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔre

1 Asɛm a yegyina so kasa no ne : Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa, 2 na ɔsom Ɔsɔfopanyin Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, Awurade no mu .

3 Woyi Ɔsɔfopanyin biara ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. 4 Yesu asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. 5 Nanso dwuma a wodi asɔfo no ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, "Si no sɛnea merekyerɛ wo bepɔw no so pɛpɛɛpɛ." 6 Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo.

7 na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. 8 Nanso Onyankopɔn huu mfomso ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se,

"Nna bi reba, Awurade na ose,

a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw

bɛhyehyɛ apam foforo.

9 Ɛrenyɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛɛ no

bere a misoo wɔn nsa

dii wɔn anim fii Misraim no.

Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware,

ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn,

Awurade na ose.

10 Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ

bere a ɛreba no mu, Awurade na ose:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu

na makyerɛw agu wɔn koma mu.

Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfo.

11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko

anaa ne kuromni se, Hu Awurade!

Efisɛ wɔn nyinaa behu me fi

akumaa so kosi ɔkɛse so.

12 Mehu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho;

na merenkae wɔn bɔne bio."

Nhyehyɛe Dedaw No

13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi "Foforo" no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin dedaw no nkyɛ yera.

Veja também