Pular para o conteúdo
Publicidade

Yohane 1

45 Filipo fii kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba."

46 Natanael bisaa Filipo se, "Ade pa bi betumi afi Nasaret aba?"

Filipo nso ka kyerɛɛ no se, "Bra na bɛhwɛ."

47 Bere a Yesu huu Natanael ɔreba no, ɔkae se, "Israelni nokwafo ni ampa."

48 Natanael bisaa Yesu se, "Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?"

Yesu nso buaa no se, "Bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo."

49 Natanael kae se, "Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!"

50 Yesu bisaa no se, "Esiane meka kyerɛɛ wo mihuu wo borɔdɔma dua no ase nti na wugye di ana? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom. 51 Mereka nokware akyerɛ mo se, mubehu ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so."

Veja também