Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom Mu Dwom 5

Aberante:

1 Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo;

maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano.

Madi me wokyɛm ne ɛwo;

manom me bobesa ne me nufusu.

Nnamfonom:

Nnamfonom, munnidi na monnom;

Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo .

Ababaa:

2 Medae, nanso me koma anna.

Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu;

"Bue me, me nuabea, me ,

mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.

Obosu afɔw me tirim,

anadwo mu bosu afɔw me nwi."

3 Maworɔw mʼatade,

mensan mfa nhyɛ ana?

Mahohoro mʼanan ase,

memma ho nyɛ fi bio ana?

4 Me dɔfo yɛɛ ɔrebue pon no

me koma fii ase bɔɔ kim kim me mu.

5 Mesɔree merekobue me dɔfo,

na me nsa ho kurobow

ne me nsateaa ho aduhuam,

yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho.

6 Mibue maa me dɔfo no,

nanso na ɔkɔ.

Ne no maa me ho dwiriw me.

Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara.

Mefrɛɛ no nanso wannye me so.

7 Awɛmfo no huu me

bere a wɔrebɔ aporɔw kuropɔn no mu.

Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;

woyii mʼatade kɔe;

saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!

8 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo,

muhu me dɔfo no a,

asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?

Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw.

Nnamfonom:

9 Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo,

mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?

Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a

enti wohyɛ yɛn sɛɛ?

Ababaa:

10 Me dɔfo ho twa na ogyigye,

wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko.

11 Ne ti sikakɔkɔɔ ankasa;

ne ti so nwi kuhaa,

na ɛyɛ tuntum kwaakwaadabi.

12 Nʼaniwa aba te aborɔnoma a

ogyina asuwa bi ho;

ɛte nea wɔde nufusu aguare no,

na etuatua abohemaa.

13 Nʼafono te pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ.

Ɛho hua te aduhuam.

Nʼanofafa te sukooko

a ɛsosɔ kurobow.

14 Nʼabasa te sikakɔkɔɔ abaa

a wɔde sikabereɛbo asisi mu.

Ne nipadua te asonse a wɔatwiw ho

na wɔde hoabo adura ho.

15 Nʼanan te abohemaa afadum a

esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so.

Ne bɔbea te Lebanon a

ɔyɛ sononko ne sida.

16 Nʼano te ɔdɛ ankasa;

ɔkwan biara so, ne ho .

Me dɔfo ni, mʼadamfo ni,

Yerusalem mmabea.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também