Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom Mu Dwom 6

Nnamfonom:

1 Ɛhe na wo dɔfo no

mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?

Ɛhe na wo dɔfo man fae,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

Ababaa:

2 Me dɔfo ne turo mu,

faako a woduadua nnua ahorow,

okokyinkyin turo no mu

akɔboaboa sukooko ano.

3 Me dɔfo me de, na me nso meyɛ ne de;

okyinkyin sukooko no mu.

Aberante:

4 Me dɔfo, wo ho te Tirsa,6.4 Tirsa yɛ Kanaan tete kurow bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkurow wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kosi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.

wʼahoɔfɛ te Yerusalem,

wusi pi te asraafo a wɔretu frankaa.

5 Nhwɛ me saa;

wobunkam me so.

Wo ti nwi te mpapokuw a

wɔresian afi Gilead.

6 Wo se te nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,

a wofi aguaree.

Baako mpo nyeraa ɛ.

7 Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu

te ntunkum aduaba fa.

8 Ebia na ɔyerenom aduosia,

mpenanom bɛyɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaa dodow a wontumi nkan wɔn;

9 nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm sononko;

ɔno nko ara ne ne na babea,

ɔno na nea ɔwoo no no nʼasɛm.

Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;

ahemmea ne mpenanom kamfoo no.

Nnamfonom:

10 Hena na wapue ahemadakye yi,

ɔyɛ frɔmfrɔm ɔsram, na ɔhyerɛn owia,

nʼanuonyam te nsoromma a wɔsa so.

Aberante:

11 Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu

merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu,

bobe no agu nhwiren,

anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.

12 Mʼani baa me ho so no

na mʼadwene de me abesi me nkurɔfo adehye nteaseɛnam so.

Nnamfonom:

13 San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea;

San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo!

Aberante:

Adɛn nti na ɛsɛ mohwɛ Sulamit abeawa

sɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também